Psalms 90

NNkyɛm a ɛto so anan

Nnwom 90–106

Onyankopoɔn ne onipa

1O Awurade, wo na daa nyinaa woayɛ yɛn tenabea.
2Ansa na wɔrebɛbɔ nkoko anaa wiase no, na woyɛ Onyankopɔn teasefo, na wobɛyɛ Onyankopɔn daa daa.
3Woka kyerɛ onipa se ɔnkɔ ne tebea dedaw mu.
Wosesaa no ma ɔbɛyɛɛ mfutuma.
4Mfe apem yɛ wo sɛ da koro.
Wofa no sɛ nnera a etwaam no; anaa anadwo mu dɔnhwerew tiaa bi.
5Wosoaa yɛn kɔe sɛ nsuyiri; yɛntena hɔ nkyɛ sɛ ɔdae mpo.
Yɛte sɛ afifide a yɛyɛ frɔmm anɔpa
6na enyin na ɛyɛ fɛfɛ na ɛwo na ewu anwummere.
7Wʼabufuw asɛe yɛn.
Wʼabufuw abɔ yɛn hu.
8Wode yɛn bɔne gu wʼanim; wuhu yɛn kokoam bɔne nyinaa.
9Wʼabufuw twa yɛn nkwa nna so; ɛpa te sɛ asomsɛm.
10Yɛn mfirihyia mu nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoade yɛ ɔhaw ne awerɛhow.
Ɛnkyɛ na nkwa asa na yɛkɔ.
11Hena na waka wʼabufuw mu tumi nyinaa ahwɛ da?
Hena na onim ehu ko a ɛwɔ wʼabufuw mu?
12Ma yenhu yɛn nna kan sɛnea ɛte, na yɛanya nyansa koma.
13Wʼabufuw bɛkyɛ akosi bere bɛn?
O Awurade, hu wʼasomfo mmɔbɔ!
14Anɔpa biara, fa wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no hyɛ yɛn mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛto dwom na yɛn ani agye wɔ yɛn nkwanna nyinaa mu.
15Mprempren, ma yɛn ahotɔ te sɛ nea mfe a yɛwɔ ahoyeraw mu no woma yedii awerɛhow no pɛ.
16Ma yɛn a yɛyɛ wʼasomfo nhu wo nneyɛe a tumi wɔ mu no, na ma yɛn asefo nhu wʼanuonyam mu tumi no.
17Awurade yɛn Nyankopɔn, wo nhyira mmra yɛn so.
Nea yɛyɛ biara, ma ɛnyɛ ye.
Copyright information for TwiNAK